Ezekiel 18:16 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Ɔnhyɛ obiara so na ɔnnye boseagyeni hɔ awowasideɛ. Ɔmmɔ korɔno, mmom ɔde nʼaduane ma deɛ ɛkɔm de noɔ na ɔfira deɛ ɔda adagya no ntoma.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
na ɔnhom obi so, na ɔnnye awowasideɛ nsie, na ɔnyɛ ɔpempensini, na ɔde n’aduane ma deɛ ɛkɔm de no, ɔfira ɔdagyani ntoma,
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
na ɔnhom obi so, na ɔnnye awowasideɛ nsie, na ɔnyɛ ɔpempensini, na ɔde n’aduane ma deɛ ɛkɔm de no, ɔfira ɔdagyani ntoma,
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
na ɔnhyɛ obi so, na onnye awowaside nsie na ɔnyɛ ɔpempensifo, na ɔde n’aduan ma nea odi kɔm na ofura ɔdagyani ntama,
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Ɔnhyɛ obiara so na onnye boseagyefo hɔ awowaside. Ɔmmɔ korɔn, mmom ɔde nʼaduan ma nea ɔkɔm de no na ofura nea ɔda adagyaw no ntama.