Ezekiel 18:26 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Sɛ ɔteneneeni twe ne ho firi ne tenenee nneyɛɛ ho na ɔkɔyɛ bɔne a, ɛno enti ɔbɛwu, bɔne a wayɛ enti, ɔbɛwu.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Sɛ ɔteneneeni sane firi ne tenenee ho kɔyɛ abusudeɛ, na ɔwu wɔ mu a, n’abusudeɛ a ɔyɛeɛ no mu na ɔwuiɛ.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Sɛ ɔteneneeni sane firi ne tenenee ho kɔyɛ abusudeɛ, na ɔwu wɔ mu a, n’abusudeɛ a ɔyɛeɛ no mu na ɔwuiɛ.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Sɛ ɔtreneeni san fi ne trenee ho kɔyɛ abusude na owu wɔ mu a, n’abusude a ɔyɛe no mu na owui.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Sɛ ɔtreneeni twe ne ho fi ne trenee nneyɛe ho na ɔkɔyɛ bɔne a, ɛno nti obewu, bɔne a wayɛ nti obewu.