Ezekiel 18:28 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Esiane sɛ wahunu ne mmarato na watwe ne ho afiri ho enti, ɔbɛnya nkwa na ɔrenwu.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na sɛ wahunu, na wasane afiri ne mmarato a ɔdiiɛ no nyinaa ho nti, nkwa na ɔbɛnya, ɔrenwu.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na sɛ wahunu, na wasane afiri ne mmarato a ɔdiiɛ no nyinaa ho nti, nkwa na ɔbɛnya, ɔrenwu.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na wahu, na wasan afi ne mmaratosɛm a odii no nyinaa ho, nkwa na obenya, ɔrenwu.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Esiane sɛ wahu ne mmarato na watwe ne ho afi ho no nti, obenya nkwa na ɔrenwu.