Ezekiel 18:6 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
ɔnnidi wɔ mmepɔ so abosonnan mu na ɔnsom ahoni a wɔwɔ Israel efie. Ɔngu ne yɔnko yere ho fi na ɔne ɔbaa a wabu ne nsa nna.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
na ɔnni afɔreduane mmepɔ no so, na ɔmma n’ani so nhwɛ Israel fie ahoni huhuo no, na ɔngu ne yɔnko yere ho fi na ɔnkɔ ɔbaa a wayɛ bra ho,
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
na ɔnni afɔreduane mmepɔ no so, na ɔmma n’ani so nhwɛ Israel fie ahoni huhuo no, na ɔngu ne yɔnko yere ho fi na ɔnkɔ ɔbaa a wayɛ bra ho,
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
na onni afɔreduan mmepɔw no so, na ɔmma n’ani so nhwɛ Israel fi ahoni huhuw no, na onhura ne yɔnko yere ho na ɔnkɔ ɔbea a wabu nsa ho,
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
onnidi wɔ mmepɔw so abosonnan mu na ɔnsom ahoni a wɔwɔ Israelfi. Ongu ne yɔnko yere ho fi na ɔne ɔbea a wabu ne nsa nna.