Ezekiel 2:4 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Nnipa a meresoma wo wɔn nkyɛn no yɛ nnipa a wɔn aso yɛ den na wɔn aso awu. Ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ.’
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Wɔyɛ aniɛdenfoɔ a wɔapirim wɔn akoma; me na meresoma wo wɔ wɔn nkyɛn, na woaka akyerɛ wɔn sɛ: Sei na AWURADE Nyankopɔn seɛ.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Wɔyɛ aniɛdenfoɔ a wɔapirim wɔn akoma; me na meresoma wo wɔ wɔn nkyɛn, na woaka akyerɛ wɔn sɛ: Sei na AWURADE Nyankopɔn seɛ.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na mma no yɛ anuɔdenfo a wɔapirim wɔn koma; me na meresoma wo wɔn nkyɛn, na woaka akyerɛ wɔn sɛ: Sɛɛ na AWURADE Nyankopɔn se.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Nnipa a meresoma wo wɔn nkyɛn no yɛ nnipa a wɔasen wɔn kɔn na wɔn aso awu. Ka kyerɛ wɔn se, ‘Sɛɛ na Otumfo Awurade se.’