Ezekiel 20:3 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
“Onipa ba, kasa kyerɛ Israel mpanimfoɔ no sɛ: ‘Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: Moaba sɛ morebɛbisa me nkyɛn adeɛ anaa? Sɛ mete ase yi, meremma mo ɛkwan mma mommisa me nkyɛn mmoa, Otumfoɔ Awurade na ɔseɛ.’
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Onipa ba, kasa kyerɛ Israel mpanimfoɔ no sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Me hɔ adebisa na mobaeɛ yi? Sɛ mete aseɛ yi, ampa ara, meremma wɔmmisa me hɔ adeɛ mma mo, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Onipa ba, kasa kyerɛ Israel mpanimfoɔ no sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Me hɔ adebisa na mobaeɛ yi? Sɛ mete aseɛ yi, ampa ara, meremma wɔmmisa me hɔ adeɛ mma mo, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Onipa ba, kasa kyerɛ Israel mpanyimfo no na ka kyerɛ wɔn sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: So me hɔ adebisa na mobae yi? Sɛ mete ase yi, ampa ara meremma wommisa me ade mma mo, AWURADE Nyankopɔn asɛm ni.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
“Onipa ba, kasa kyerɛ Israel mpanyimfo no se: ‘Sɛɛ na Otumfo Awurade se: Moaba sɛ morebebisa me nkyɛn ade ana? Sɛ mete ase yi, meremma mo kwan ma mummisa me nkyɛn mmoa, Otumfo Awurade na ose.’