Ezekiel 20:31 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Sɛ mode mo ayɛyɛdeɛ a ɛyɛ mo mmammarima bɔ afɔdeɛ wɔ ogya so ma mo ahoni a, ɛnneɛ mokɔ so de mo ahoni nyinaa gu mo ho fi bɛsi ɛnnɛ. Memma mommɛbisa me hɔ adeɛ anaa, Ao Israel efie? Ampa ara, sɛ mete ase yi, Otumfoɔ Awurade asɛm nie, meremma mommmisa me hɔ adeɛ.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
na mode mo ayɛyɛdeɛ ba, na moma mo mma fa ogya mu yi, mogu mo ho fi mo abosonhuhuo nyinaa fam de bɛsi nnɛ yi, na me na wɔmmisa me hɔ adeɛ mma mo anaa? Israel fie! Sɛ mete aseɛ yi, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie, ampa ara, meremma wɔmmisa me hɔ adeɛ mma mo.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
na mode mo ayɛyɛdeɛ ba, na moma mo mma fa ogya mu yi, mogu mo ho fi mo abosonhuhuo nyinaa fam de bɛsi nnɛ yi, na me na wɔmmisa me hɔ adeɛ mma mo anaa? Israel fie! Sɛ mete aseɛ yi, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie, ampa ara, meremma wɔmmisa me hɔ adeɛ mma mo.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
na mode mo ayɛyɛde ba na moma mo mma fa ogya mu yi, mugu mo ho fi mo abosonhuhuw nyinaa fam de besi nnɛ da yi, na me na wommisa me hɔ ade mma mo? Israel fi! Sɛ mete ase yi, AWURADE Nyankopɔn asɛm ni, ampa ara, meremma wommisa me hɔ ade mma mo.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Sɛ mode mo ayɛyɛde a ɛyɛ mo mmabarima bɔ afɔre wɔ ogya so ma mo ahoni a, na mokɔ so de mo ahoni nyinaa gu mo ho fi besi nnɛ. Memma mommebisa me hɔ ade ana, Israelfi? Ampa ara sɛ mete ase yi, Otumfo Awurade asɛm ni, meremma mummmisa me hɔ ade.