Ezekiel 20:38 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Mɛsa mo mu ayi wɔn a wɔyɛ dɔm tia me. Ɛwom sɛ mɛyi wɔn afiri aman a wɔte soɔ no mu, nanso wɔn nan rensi Israel asase so. Afei mobɛhunu sɛ mene Awurade no.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na mɛyiyi mo mu atuatefoɔ ne wɔn a wɔto me mmara no, wɔn ahɔhobea asase no so na mɛyi wɔn, nanso wɔremma Israel asase so, na moahunu sɛ mene AWURADE.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na mɛyiyi mo mu atuatefoɔ ne wɔn a wɔto me mmara no, wɔn ahɔhobea asase no so na mɛyi wɔn, nanso wɔremma Israel asase so, na moahunu sɛ mene AWURADE.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na meyiyi mo mu atuatewfo ne wɔn a wɔto me mmara no, wɔn hɔhobea asase no so na meyi wɔn, nanso wɔremma Israel asase so, na moahu sɛ mene AWURADE.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Mɛsa mo mu ayi wɔn a wɔyɛ dɔm tia me. Ɛwɔ mu sɛ meyi wɔn afi aman a wɔte so no mu, nanso wɔn anan rensi Israel asase so. Afei mubehu sɛ mene Awurade no.