Ezekiel 20:9 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Nanso me din enti, meyɛɛ deɛ ɛmma wɔngu me ho fi wɔ amanaman a wɔtete mu no anim, aman a meyii me ho adi kyerɛɛ Israelfoɔ wɔ mu, de yii wɔn firii Misraim no.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Nanso me din nti, meyɛe na ɛho angu fi amanaman a wɔte wɔn mu no anim, wɔn a memaa wɔhunuu me wɔn ani so, sɛ mereyi wɔn afiri Misraim asase so.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Nanso me din nti, meyɛe na ɛho angu fi amanaman a wɔte wɔn mu no anim, wɔn a memaa wɔhunuu me wɔn ani so, sɛ mereyi wɔn afiri Misraim asase so.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
nanso me din nti meyɛe na ɛho anhura amanaman a wɔte wɔn mu no anim, efisɛ mema wohuu me, wɔn anim, sɛ merebeyi wɔn mafi Misraim asase so.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Nanso me din nti meyɛɛ nea ɛremma wonngu me ho fi wɔ amanaman a wɔtete mu no anim, aman a miyii me ho adi kyerɛɛ Israelfo wɔ mu, de yii wɔn fii Misraim no.