Ezekiel 21:10 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
wɔase ano ama akumkumakumkum no, wɔatwi ho ama ɛtwa yerɛ yerɛ sɛ anyinam! “ ‘Ɛsɛ sɛ yɛsɛpɛ yɛn ho wɔ me babarima Yuda ahempoma ho anaa? Akofena no mfa poma biara a ɛte saa no nyɛ hwee.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
wɔase ano sɛ ɛnkum, wɔapɔ ho sɛ ɛntwa nyinamnyinam. Ɛbɛyɛ dɛn na yɛama yɛn ho asɛpɛ yɛn? Me ba woabu abaa, ne atenetene nyinaa animtia?
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
wɔase ano sɛ ɛnkum, wɔapɔ ho sɛ ɛntwa nyinamnyinam. Ɛbɛyɛ dɛn na yɛama yɛn ho asɛpɛ yɛn? Me ba woabu abaa, ne atenetene nyinaa animtia?
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
wɔasew ano sɛ enkum, wɔapɔw ho sɛ entwa nyinamnyinam. Anaasɛ yɛmma yɛn ho nsɛpɛw yɛn nka se: Me ba woabu abaa ne nteɛso nyinaa animtiaa?
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
wɔasew ano ama akunkumakunkum no, wɔatwiw ho ma etwa yerɛw yerɛw sɛ anyinam! “ ‘Ɛsɛ sɛ yɛsɛpɛw yɛn ho wɔ me babarima Yuda ahempema ho ana? Afoa no mfa pema biara a ɛte saa no nyɛ hwee.