Ezekiel 21:14 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
“Enti onipa ba, hyɛ nkɔm na bɔ wo nsam. Ma akofena no ntwitwa mprenu mpo mprɛnsa. Ɛyɛ akumakunkum akofena, akumakunkum kɛseɛ no akofena, a ɛba wɔn so firi afanan nyinaa.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na wo, onipa ba, hyɛ nkɔm na bɔ nsam, na nkrantɛ no bɛba mprenu ne mprɛnsa, atɔfoɔ nkrantɛ no; ɛyɛ ɔtɔfoɔ kɛseɛ nkrantɛ na atwa wɔn ho ahyia no.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na wo, onipa ba, hyɛ nkɔm na bɔ nsam, na nkrantɛ no bɛba mprenu ne mprɛnsa, atɔfoɔ nkrantɛ no; ɛyɛ ɔtɔfoɔ kɛseɛ nkrantɛ na atwa wɔn ho ahyia no.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na wo, onipa ba, hyɛ nkɔm na bɔ nsam, na nkrante no bɛba abɔ ho abiɛsa, atɔfo nkrante no; ɛyɛ ɔtɔfo kɛse nkrante na atwa wɔn ho ahyia no.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
“Enti onipa ba, hyɛ nkɔm na bɔ wo nsam. Ma afoa no ntwitwa mprenu, mpo mprɛnsa. Ɛyɛ akunkumakunkum afoa, akunkumakunkum kɛse no afoa, a ɛba wɔn so fi afanan nyinaa.