Ezekiel 21:15 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Ɛbɛma akoma nyinaa aboto na atɔfoɔ adɔɔso, mede akunkumakunkum akofena no asisi wɔn apono nyinaa ano. Ao! Wɔayɛ no sɛ ɛntwa yerɛ yerɛ sɛ anyinam wɔaso mu ama akumkumakumkum.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Deɛ ɛbɛyɛ na akoma atuo, na suntidua adɔɔso nti, mede nkrantɛ hyerɛn asisi wɔn kuro apono nyinaa ho. Aa! Wɔayɛ no sɛ ɛnyɛ sɛ anyinam, wɔase ano de rebɛkum.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Deɛ ɛbɛyɛ na akoma atuo, na suntidua adɔɔso nti, mede nkrantɛ hyerɛn asisi wɔn kuro apono nyinaa ho. Aa! Wɔayɛ no sɛ ɛnyɛ sɛ anyinam, wɔase ano de rebɛkum.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Nea ɛbɛyɛ na koma atutu na hintidua adɔɔso nti, mede nkrante hyerɛn masisi wɔn kurow apon nyinaa ho a! Wɔayɛ no sɛ ɛnyɛ sɛ anyinam, wɔayeram ano de rebekum.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Ɛbɛma koma nyinaa abotow na atɔfo adɔɔso, mede akunkumakunkum afoa no asisi wɔn apon nyinaa ano. Hwɛ! Wɔatono no sɛ entwa yerɛw yerɛw sɛ anyinam, wɔaso mu ama akunkumakunkum.