Ezekiel 21:19 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
“Onipa ba, bɔ akwan mmienu ma Babiloniahene akofena no mfa so, na ne mmienu mfiri aseɛ wɔ amantam korɔ mu. Fa akyerɛkyerɛkwan si nkwanta a ɛmane kɔ kuropɔn no mu.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na wo, onipa ba, sensan akwan mmienu fa, na Babel hene nkrantɛ mfa so mmra. Ma ne mmienu nyinaa mfiri asase korɔ so, na kurukyire akyerɛkyerɛkwan bi, nkuro nkwanta na kurukyire no.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na wo, onipa ba, sensan akwan mmienu fa, na Babel hene nkrantɛ mfa so mmra. Ma ne mmienu nyinaa mfiri asase korɔ so, na kurukyire akyerɛkyerɛkwan bi, nkuro nkwanta na kurukyire no.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na wo, onipa ba, sensan akwan abien fa, na Babel hene nkrante mfa so mmra. Ma n’abien nyinaa mfi asase koro so, na kurukyerɛw akyerɛkyerɛkwan bi, nkurow nkwanta na kurukyerɛw no.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
“Onipa ba, bɔ akwan abien na Babiloniahene afoa no mfa so, na ne abien no nyinaa mfi ase wɔ ɔman koro mu. Fa akwankyerɛde si nkwanta a ɛman kɔ kuropɔn no mu no so.