Ezekiel 21:24 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
“Enti yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: ‘Esiane sɛ mo saa nkurɔfoɔ yi nam mo atuateɛ so akae me mo afɔdie, de ada mo bɔne a moyɛ nyinaa adi enti, wɔbɛfa mo nnommum.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Ɛno nti sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Ɛsiane sɛ momma wɔkae mo amumuyɛ ma mo mmarato da adie na wɔhunu mo bɔne, mo nneyɛɛ nyinaa mu nti, na ɛsiane sɛ wɔkae mo nti, wɔde nsa bɛkyere mo.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Ɛno nti sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Ɛsiane sɛ momma wɔkae mo amumuyɛ ma mo mmarato da adie na wɔhunu mo bɔne, mo nneyɛɛ nyinaa mu nti, na ɛsiane sɛ wɔkae mo nti, wɔde nsa bɛkyere mo.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Ɛno nti sɛ AWURADE se ni: Esiane sɛ moma wɔkae mo amumɔyɛ ma mo mmarato da adi na wohu mo bɔne, mo nneyɛe nyinaa mu nti, na esiane sɛ wɔkae mo nti, wɔde nsa bɛkyere mo.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
“Enti sɛɛ na Otumfo Awurade se: ‘Esiane sɛ mo saa nkurɔfo yi nam mo atuatew so akae me mo afɔdi, de ada mo bɔne a moyɛ nyinaa adi, sɛ moayɛ eyi nti, wɔbɛfa mo nnommum.