Ezekiel 21:28 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
“Na wo, onipa ba, hyɛ nkɔm ka sɛ, ‘Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade ka fa Amonfoɔ ne wɔn ahohorabɔ ho: “ ‘Akofena bi, akofena bi, wɔatwe ama akunkumakunkum, wɔatwi ho sɛ ɛnni nam na ɛpa yerɛ yerɛ sɛ anyinam!
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na wo, onipa ba, hyɛ nkɔm sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn se Amonfoɔ ne wɔn ahohorabɔ no ho nie, na ka sɛ: Nkrantɛ, nkrantɛ a wɔtwe rebɛkum, wɔapɔ ho sɛ ɛnni nam, sɛ ɛnyɛ nyinamnyinam.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na wo, onipa ba, hyɛ nkɔm sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn se Amonfoɔ ne wɔn ahohorabɔ no ho nie, na ka sɛ: Nkrantɛ, nkrantɛ a wɔtwe rebɛkum, wɔapɔ ho sɛ ɛnni nam, sɛ ɛnyɛ nyinamnyinam.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na wo, onipa ba, hyɛ nkɔm na ka sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn se, Amonfo ne wɔn ahohorabɔ no ho ni, na ka sɛ: Nkrante, nkrante a wɔatwe de rebekum, wɔapɔw ho sɛ enni nam, sɛ ɛnyɛ nyinamnyinam.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
“Na wo, onipa ba, hyɛ nkɔm ka se, ‘Sɛɛ na Otumfo Awurade ka fa Amonfo ne wɔn ahohorabɔ ho: “ ‘Afoa bi, afoa bi, wɔatwe ama akunkumakunkum, wɔatwiw ho sɛ enni nam na ɛmpa yerɛw yerɛw sɛ anyinam!