Ezekiel 23:24 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Wɔde akodeɛ, nteaseɛnam ahodoɔ ne nipadɔm bɛba abɛtia wo; wɔde akokyɛm akɛseɛ ne nketewa ne dadeɛ kyɛ bɛka wo ahyɛ. Mede wo bɛhyɛ wɔn nsa, na wɔagyina wɔn nhyehyɛeɛ so atwe wo aso.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
na wɔde akodeɛ ne nteaseɛnam ne nkyimiiɛ ne aman asafo bɛba wo so; ahokatadeɛ ne ɛkyɛm ne dadeɛ kyɛ na wɔde bɛka wo ahyɛ mu ahyia; na mede atemmuo bɛsi wɔn anim, na wɔabu wo atɛn wɔn atemmuo so.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
na wɔde akodeɛ ne nteaseɛnam ne nkyimiiɛ ne aman asafo bɛba wo so; ahokatadeɛ ne ɛkyɛm ne dadeɛ kyɛ na wɔde bɛka wo ahyɛ mu ahyia; na mede atemmuo bɛsi wɔn anim, na wɔabu wo atɛn wɔn atemmuo so.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
na wɔde akode ne nteaseɛnam ne nkyimii ne aman asafo bɛba wo so; ahokatade ne ɔkyɛm ne dade kyɛw na wɔde bɛka wo ahyɛ mu ahyia; na mede atemmu mesi wɔn anim, na wɔabu wo atɛn wɔn atemmu so.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Wɔde akode, nteaseɛnam ahorow ne nnipadɔm bɛba abetia wo; wɔde akokyɛm akɛse ne nketewa ne dade kyɛw bɛka wo ahyɛ. Mede wo bɛhyɛ wɔn nsa, na wɔagyina wɔn nhyehyɛe so atwe wo aso.