Ezekiel 26:17 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Afei wɔbɛma kwadwom a ɛfa wo ho so sɛ: “ ‘Hwɛ sɛdeɛ wɔasɛe woɔ, Ao kuropɔn a wagye din, wo a ɛpo sofoɔ na ɛte wo mu, na anka wowɔ tumi wɔ ɛpo so! Wo ne wo manfoɔ; wo de ehu hyɛɛ wɔn a wɔte hɔ nyinaa mu.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na wɔbɛtwa wo ho kwadwom aka akyerɛ wo sɛ: Ei, sɛdeɛ woasɛe nie, wo a ɛpo mufoɔ bɛtenaa wo mu, kuro a wɔkamfo a ɛyɛ den wɔ po mu, ɛno ne emufoɔ a wɔma wɔn ho hu ba emufoɔ nyinaa soɔ no!
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na wɔbɛtwa wo ho kwadwom aka akyerɛ wo sɛ: Ei, sɛdeɛ woasɛe nie, wo a ɛpo mufoɔ bɛtenaa wo mu, kuro a wɔkamfo a ɛyɛ den wɔ po mu, ɛno ne emufoɔ a wɔma wɔn ho hu ba emufoɔ nyinaa soɔ no!
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na wobetwa wo ho kwadwom aka akyerɛ wo sɛ: Ai, sɛnea woasɛe ni, wo a ɛpo mufo bɛtenaa wo mu, kurow a wɔkamfo sɛ ɛyɛ den wɔ po mu, Wo ne emufo a wɔma wɔn ho hu ba emufo nyinaa so no!
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Afei wɔbɛma kwadwom a ɛfa wo ho so se: “‘Hwɛ sɛnea wɔasɛe wo, kuropɔn a woagye din, wo a po sofo na ɛte wo mu, na anka wowɔ tumi wɔ po so! Wo ne wo manfo; wode hu hyɛɛ wɔn a wɔte hɔ nyinaa mu.