Ezekiel 27:16 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
“ ‘Aram ne wo dii edwa ɛsiane wo nneɛma bebrebe a woyɛ nti; wɔde nsrammaboɔ, ntoma a ɛberedum, deɛ wɔadi mu adwinneɛ, nwera pa, nnenkyenema ne bota bɛsesaa wʼadwadideɛ.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Siria ne wo di dwa, w’adeɛ a woyɛeɛ no dodoɔ nti. Nsrammaboɔ, ntoma a ɛberedum ne nkyeremu ne nwera pa ne bota ne nnenkyenema na wɔde bɛsesa wo hɔ adeɛ.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Siria ne wo di dwa, w’adeɛ a woyɛeɛ no dodoɔ nti. Nsrammaboɔ, ntoma a ɛberedum ne nkyeremu ne nwera pa ne bota ne nnenkyenema na wɔde bɛsesa wo hɔ adeɛ.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Siria ne wo di gua, w’ade a woyɛe no dodow nti; nsramma bo, ntama a ɛberedum ne nkyeremu ne nwera pa ne nnɛnkyerema na wɔde bɛsesa wo hɔ ade;
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
“ ‘Aram ne wo dii gua esiane wo nneɛma bebrebe a woyɛ nti; wɔde nsrammabo, ntama a ɛberedum, nea wɔadi mu adwinni, nwera pa, nnɛnkyerema ne bota bɛsesaa wʼaguade.