Ezekiel 27:3 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Ka kyerɛ Tiro a ɔda ɛpo aboboano, na ɔne adwadifoɔ bebree a wɔwɔ mpoano nkuro so di edwa sɛ, yei ne asɛm a Otumfoɔ Awurade seɛ: “ ‘Woka sɛ, Ao Tiro, “Me ho yɛ fɛ yie.”
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
na ka kyerɛ Tiro sɛ: Wo a wote ɛpo aboboano, aman batani a wokɔ nsupɔ bebree soɔ, sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Tiro, wo deɛ, woka sɛ: Me na me ho wie fɛ yɛ!
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
na ka kyerɛ Tiro sɛ: Wo a wote ɛpo aboboano, aman batani a wokɔ nsupɔ bebree soɔ, sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Tiro, wo deɛ, woka sɛ: Me na me ho wie fɛ yɛ!
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
na ka kyerɛ Tiro sɛ: Wo a wote ɛpo abobow ano, aman batani a wokɔ nsupɔw bebree so, sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Tiro, wo de, woka sɛ: Me na me ho wie fɛ yɛ!
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Ka kyerɛ Tiro a ɔda po abobow ano, na ɔne aguadifo bebree a wɔwɔ mpoano nkurow so di gua se, eyi ne asɛm a Otumfo Awurade ka: “ ‘Woka se, Tiro, “Me ho yɛ fɛ yiye.”