Ezekiel 28:18 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Wode wo nnebɔne ne adwadie mu nsisie agu wo kronkrommea ho fi, ɛno enti memaa ogya firii wo mu na ɛhyee wo, na mema wo danee nsõ wɔ wɔn a na wɔrehwɛ no nyinaa anim.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
W’amumuyɛ dodoɔ so, w’adwadie abusudeɛ mu woagu w’akronkronneɛ ho fi, enti mama ogya afiri wo mu, na ahye wo, na madane wo nso, asase so, wɔn a wɔhwɛ woɔ nyinaa anim.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
W’amumuyɛ dodoɔ so, w’adwadie abusudeɛ mu woagu w’akronkronneɛ ho fi, enti mama ogya afiri wo mu, na ahye wo, na madane wo nso, asase so, wɔn a wɔhwɛ woɔ nyinaa anim.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
W’amumɔyɛ dodow so, w’aguadi abusude mu woahura w’akronkronne ho, enti mama ogya afi wo mu, na ahyew wo, na madan wo nso, asase so, wɔ wɔn a wɔhwɛ wo nyinaa anim.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Wode wo nnebɔne ne aguadi mu asisi agu wo kronkrommea ho fi ɛno nti memaa ogya fii wo mu na ɛhyew wo, na memaa wo dan nsõ wɔ fam wɔ wɔn a na wɔrehwɛ no nyinaa anim.