Ezekiel 28:23 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Mɛma ɔyaredɔm aba wo so na mama mogya atene wɔ wo mmɔntene so. Apirafoɔ bɛtotɔ wɔ wo mu, ɛberɛ a akofena redi ahim wɔ wo ho nyinaa. Afei na wɔbɛhunu sɛ mene Awurade no.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na merema owuyadeɛ aba ne mu na mogya agu ne mmorɔno so, na apirafoɔ atotɔ ne mu, nkrantɛ a ɛfiri mmaa nyinaa bɛba ne soɔ no ano, na wɔahunu sɛ mene AWURADE.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na merema owuyadeɛ aba ne mu na mogya agu ne mmorɔno so, na apirafoɔ atotɔ ne mu, nkrantɛ a ɛfiri mmaa nyinaa bɛba ne soɔ no ano, na wɔahunu sɛ mene AWURADE.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na merema owuyare aba mu na mogya agu ne mmorɔn so, na apirafo atotɔ no mu, nkrante a efi mmaa nyinaa bɛba no so no ano, na wɔahu sɛ mene AWURADE.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Mɛma ɔyaredɔm aba ne so na mama mogya ateɛ wɔ ne mmɔnten so. Apirafo bɛtotɔ wɔ ne mu, bere a afoa redi ahim wɔ ne ho nyinaa. Afei na wobehu sɛ mene Awurade no.