Ezekiel 28:25 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
“ ‘Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: Sɛ meboa Israelfoɔ ano firi aman a wabɔ wɔn apete no so a, mɛda me kronkronyɛ adi wɔ wɔn mu, ama amanaman no ahunu. Afei wɔbɛtena wɔn ankasa asase a mede maa me ɔsomfoɔ Yakob no so.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Sɛ menya boa Israel fie ano firi aman a wɔapete wɔn mu no mu a, mɛyi me kronkronyɛ adi wɔ wɔn mu amanaman no ani so, na wɔbɛtena wɔn asase a mede maa m’akoa Yakob no so.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Sɛ menya boa Israel fie ano firi aman a wɔapete wɔn mu no mu a, mɛyi me kronkronyɛ adi wɔ wɔn mu amanaman no ani so, na wɔbɛtena wɔn asase a mede maa m’akoa Yakob no so.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Sɛ minya meboa Israel fi ano fi aman a wɔapete wɔn mu no mu a, meyi me kronkronyɛ adi wɔn mu amanaman no ani so, na wɔbɛtena wɔn asase a mede memaa m’akoa Yakob no so.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
“ ‘Sɛɛ na Otumfo Awurade se: Sɛ meboa Israelfo ano fi aman a wabɔ wɔn apete no so a, mɛda me kronkronyɛ adi wɔ wɔn mu, ama amanaman no ahu. Afei wɔbɛtena wɔn ankasa asase a mede maa me somfo Yakob no so.