Ezekiel 29:19 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Ɛno enti, yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: Mede Misraim rebɛhyɛ Babiloniahene Nebukadnessar nsa na ɔbɛsoa nʼahodeɛ akɔ. Ɔbɛfom asase no de ayɛ akatua ama nʼakodɔm.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Enti sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Hwɛ, mede Misraim asase merema Babelhene Nebukadnessar, na wasoa n’asafo yuu akɔ, na wafa n’asadeɛ, na wafom n’afomfadeɛ afa, na ayɛ ne dɔm no akatua;
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Enti sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Hwɛ, mede Misraim asase merema Babelhene Nebukadnessar, na wasoa n’asafo yuu akɔ, na wafa n’asadeɛ, na wafom n’afomfadeɛ afa, na ayɛ ne dɔm no akatua;
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Enti sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Hwɛ, mede Misraim asase merema Babel hene Nebukadnesar, na wasoa n’asafo yuu akɔ, na wafa n’asade, na wafow n’afowde, na ayɛ ne dɔm no akatua;
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Ɛno nti, sɛɛ na Otumfo Awurade se: Mede Misraim rebɛhyɛ Babiloniahene Nebukadnessar nsa na ɔbɛsoa nʼahode akɔ. Ɔbɛfom asase no de ayɛ akatua ama nʼasraafo.