Ezekiel 3:3 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Afei ɔka kyerɛɛ me sɛ, “Onipa ba, di saa nwoma mmobɔeɛ a mede rema wo yi. Fa hyɛ wo yafunu ma.” Enti mediiɛ, na na ɛyɛ dɛ te sɛ ɛwoɔ wɔ mʼanom.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Onipa ba, fa nwoma no hyɛ wo yafunu ma. Na medi hyɛɛ me yafunu ma. Na ɛte sɛ ɛwoɔ wɔ m’anomu.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Onipa ba, fa nwoma no hyɛ wo yafunu ma. Na medi hyɛɛ me yafunu ma. Na ɛte sɛ ɛwoɔ wɔ m’anomu.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Onipa ba, ma wo yafunu nni, na fa nhoma mmobɔwee a mede merema wo yi hyɛ w’ayamde ma. Na midii, na m’anom no, ne dɛ te sɛ ɛwo.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Afei ɔka kyerɛɛ me se, “Onipa ba, di saa nhoma mmobɔwee a mede rema wo yi fa hyɛ wo yafunu ma.” Enti midii na na ɛyɛ dɛ te sɛ ɛwo wɔ mʼanom.