Ezekiel 31:18 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
“ ‘Nnua a ɛwɔ Eden no mu deɛ ɛwɔ he na ɛbɛtumi de ne ho atoto wo ho wɔ animuonyam ne kɛseyɛ mu? Nanso, wo nso wɔbɛsiane wo akɔ fam, wo ne Eden nnua no. Wobɛfra momonotofoɔ mu, wɔn a wɔatotɔ wɔ akofena ano no. “ ‘Yei yɛ Farao ne ne nipadɔm no, Otumfoɔ Awurade asɛm nie.’ ”
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Hwan na wosɛ no saa, animuonyam ne kɛseyɛ mu, Eden nnua mu? Nanso wɔde wo ne Eden nnua no bɛsiane akɔ asase ase, momonotofoɔ mu na wobɛda, nkrantɛ ano atɔfoɔ nkyɛn. Farao ne n’asafo yuu nyinaa nie, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Hwan na wosɛ no saa, animuonyam ne kɛseyɛ mu, Eden nnua mu? Nanso wɔde wo ne Eden nnua no bɛsiane akɔ asase ase, momonotofoɔ mu na wobɛda, nkrantɛ ano atɔfoɔ nkyɛn. Farao ne n’asafo yuu nyinaa nie, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Ɛhena na wosɛ no saa, anuonyam ne kɛseyɛ mu, Eden nnua mu? Nanso wɔde wo ne Eden nnua no besian akɔ asase ase, momonotofo mu na wobɛda, nkrante ano atɔfo nkyɛn. Farao ne n’asafo yuu nyinaa ni, AWURADE Nyankopɔn asɛm ni.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
“ ‘Nnua a ɛwɔ Eden no mu de, ɛwɔ he na ebetumi de ne ho atoto wo ho wɔ anuonyam ne kɛseyɛ mu? Nanso wo nso wobesian wo akɔ fam, wo ne Eden nnua no. Wobɛfra momonotofo mu, wɔn a wɔatotɔ wɔ afoa ano no. “ ‘Eyi yɛ Farao ne ne dɔm no, Otumfo Awurade asɛm ni.’ ”