Ezekiel 32:10 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Mɛma nnipa bebree ho adwiri wɔn wɔ wo ho, wo enti, ehu bɛma wɔn ahene ho apopo ɛberɛ a merehim mʼakofena wɔ wɔn anim. Ɛda a wobɛhwe ase no wɔn mu biara ho bɛwoso berɛ nyinaa mu wɔ wɔn nkwa enti.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
na mɛma wo ho ayɛ aman bebree ahodwiri, na wo ho ama awɔse agu wɔn ahemfo so, berɛ a mehwinhwim m’afena wɔn anim no, na wɔn ho bɛpopo berɛ nyinaa mu, wɔn nyinaa nkwa nti, w’ahweaseɛ da no so.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
na mɛma wo ho ayɛ aman bebree ahodwiri, na wo ho ama awɔse agu wɔn ahemfo so, berɛ a mehwinhwim m’afena wɔn anim no, na wɔn ho bɛpopo berɛ nyinaa mu, wɔn nyinaa nkwa nti, w’ahweaseɛ da no so.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
na mɛma wo ho ayɛ aman bebree ahodwiriw, na wo ho ama awɔse agu wɔn ahene so bere a mihwinhwim m’afoa wɔn anim no, na wɔn ho bɛpopo bere nyinaa mu, wɔn nyinaa kra mmiako mmiako nti, w’asehwe da no.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Mɛma nnipa bebree ho adwiriw wɔn wɔ wo ho, wo nti, hu bɛma wɔn ahene ho apopo bere a merehim mʼafoa wɔ wɔn anim no. Da a wobɛhwe ase no wɔn mu biara ho bɛwosow bere nyinaa mu wɔ wɔn nkwa nti.