Ezekiel 32:19 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Wadom mo dodo sene wɔn a aka no anaa? Monsiane nkɔ na mo ne momonotofoɔ no nkɔda.’
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Hwan na wosene no ahoɔfɛ? Siane na da momonotofoɔ nkyɛn!
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Hwan na wosene no ahoɔfɛ? Siane na da momonotofoɔ nkyɛn!
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Hena na wosen no ahoɔfɛ? Sian na da momonotofo nkyɛn!
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Ka kyerɛ wɔn se, ‘Wadom mo dodo sen wɔn a aka no ana? Munsian nkɔ na mo ne momonotofo no nkɔda.’