Ezekiel 32:29 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
“Edom wɔ hɔ, nʼahemfo ne ne mmapɔmma nyinaa deda wɔn a wɔatotɔ wɔ akofena ano mu, wɔn tumi nyinaa akyi. Wɔdeda momonotofoɔ mu, wɔ ne wɔn a wɔsiane kɔ amena mu no.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Ɛhɔ na Edom wɔ, n’ahemfo ne n’aberempɔn nyinaa, wɔde wɔn guu nkrantɛ ano atɔfoɔ nkyɛn, wɔn mmaninyɛ mu. Wɔn nso wɔne momonotofoɔ ne wɔn a wɔsiane kɔ Amena mu no deda hɔ.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Ɛhɔ na Edom wɔ, n’ahemfo ne n’aberempɔn nyinaa, wɔde wɔn guu nkrantɛ ano atɔfoɔ nkyɛn, wɔn mmaninyɛ mu. Wɔn nso wɔne momonotofoɔ ne wɔn a wɔsiane kɔ Amena mu no deda hɔ.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Ɛhɔ na Edom wɔ, n’ahene ne n’abirɛmpɔn nyinaa, wɔde wɔn guu nkrante ano atɔfo nkyɛn, wɔn mmaninyɛ mu; wɔn nso ne momonotofo ne wɔn a wosian kɔ amoa mu no deda hɔ.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
“Edom wɔ hɔ, nʼahemfo ne ne mmapɔmma nyinaa deda wɔn a wɔatotɔ wɔ afoa ano no mu, wɔn tumi nyinaa akyi. Wɔdeda momonotofo mu, wɔne wɔn a wosian kɔ amoa mu no.