Ezekiel 32:31 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
“Farao, ɔne nʼasraadɔm nyinaa bɛhunu wɔn na ne werɛ bɛkyekye wɔ ne nipadɔm a wɔkunkum wɔn wɔ akofena ano no ho, Otumfoɔ Awurade asɛm nie.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Farao bɛhu wɔn, na wakyekye ne werɛ, n’asafo yuu no nyinaa ho; nkrantɛ ano atɔfoɔ ne Farao ne ne dɔm nyinaa ho, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Farao bɛhu wɔn, na wakyekye ne werɛ, n’asafo yuu no nyinaa ho; nkrantɛ ano atɔfoɔ ne Farao ne ne dɔm nyinaa ho, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Wɔn na Farao behu wɔn, na ne werɛ akyekye, n’asafo yuu no nyinaa ho; nkrante ano atɔfo ne Farao ne ne dɔm nyinaa, AWURADE Nyankopɔn asɛm ni.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
“Farao, ɔne nʼasraafo nyinaa behu wɔn na ne werɛ bɛkyekye wɔ ne dɔm a wokunkum wɔn wɔ afoa ano no ho, Otumfo Awurade asɛm ni.