Ezekiel 32:4 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Mɛto wo atwene asase no so na mahuri wo ato ɛserɛ so. Mɛma ewiem nnomaa nyinaa abɛsisi wo so na asase so mmoa nyinaa adi wo nam ɔherɛ so.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
na mɛto wo atwene fam, na mato wo atwene ɛserɛ so, na mama ewiem nnomaa nyinaa abɛsisi wo so, na mama asase nyinaa so mmoadoma adi wo nam amee.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
na mɛto wo atwene fam, na mato wo atwene ɛserɛ so, na mama ewiem nnomaa nyinaa abɛsisi wo so, na mama asase nyinaa so mmoadoma adi wo nam amee.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
na mɛtow wo akyene fam, na matow wo agu sare ani, na mama wim nnomaa nyinaa abesisi wo so, na mama asase nyinaa so mmoadoma adi wo amee.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Mɛtow wo akyene asase no so na mahiri wo ato sare so. Mɛma wim nnomaa nyinaa abesisi wo so na asase so mmoa nyinaa adi wo nam afrɛ so.