Ezekiel 33:27 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
“Ka yei kyerɛ wɔn sɛ, ‘Deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ nie: Ampa ara sɛ mete ase yi, wɔn a wɔaka wɔ kuro no mmubuiɛ soɔ no bɛtotɔ wɔ akofena ano. Wɔn a wɔwɔ wiram no mede wɔn bɛma nkekaboa ama wɔawe wɔn na wɔn a wɔwɔ abandenden ne abodan mu no, ɔyaredɔm bɛkunkum wɔn.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Sɛ ka kyerɛ wɔn nie: Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Sɛ mete aseɛ yi, ampa ara wɔn a wɔwɔ akurofo no soɔ no, nkrantɛ ano na wɔbɛtotɔ; na deɛ ɔwɔ wiram no, mmoadoma na mede no bɛma mmoa ma wɔadie; na wɔn a wɔwɔ aban ne abodan mu no, owuyadeɛ na ɛbɛkunkum wɔn.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Sɛ ka kyerɛ wɔn nie: Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Sɛ mete aseɛ yi, ampa ara wɔn a wɔwɔ akurofo no soɔ no, nkrantɛ ano na wɔbɛtotɔ; na deɛ ɔwɔ wiram no, mmoadoma na mede no bɛma mmoa ma wɔadie; na wɔn a wɔwɔ aban ne abodan mu no, owuyadeɛ na ɛbɛkunkum wɔn.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Sɛ ka kyerɛ wɔn ni: Sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Sɛ mete ase yi, ampa ara wɔn a wɔwɔ akurofo no so no, nkrante ano na wɔbɛtotɔ; na nea ɔwɔ wuram no, mmoadoma na mede no mɛma ma wɔadi; na wɔn a wɔwɔ aban ne abodan mu no, owuyare na ebekunkum wɔn.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
“Ka eyi kyerɛ wɔn se, ‘Nea Otumfo Awurade se ni: Ampa ara sɛ mete ase yi, wɔn a wɔaka wɔ kurow no nnwiriwii mu no bɛtotɔ wɔ afoa ano. Wɔn a wɔwɔ wuram no mede wɔn bɛma nkekaboa ama wɔawe wɔn na wɔn a wɔwɔ abandennen ne abodan mu no, ɔyaredɔm bekunkum wɔn.