Ezekiel 33:4 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Na sɛ obi te totorobɛnto no nnyegyeeɛ na wanna ne ho so, na sɛ akofena no bɛkum no a, ne mogya bɛbɔ ɔno ankasa tiri so.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
na ɔtefoɔ te totorobɛnto no hyɛn, na wantie kɔkɔbɔ no, na nkrantɛ no ba bɛfa no kɔ a, ne mogya bɛbua n’atifi.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
na ɔtefoɔ te totorobɛnto no hyɛn, na wantie kɔkɔbɔ no, na nkrantɛ no ba bɛfa no kɔ a, ne mogya bɛbua n’atifi.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
na ɔtefo te torobɛnto no hyɛn na wantie kɔkɔbɔ no, na nkrante no ba bɛfa no kɔ a, ne mogya bebua n’atifi.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Na sɛ obi te torobɛnto no nnyigyei na wanna ne ho so, na sɛ afoa no bekum no a, ne mogya bɛbɔ ɔno ankasa ti so.