Ezekiel 34:13 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Mede wɔn bɛfiri amanaman so aba na maboaboa wɔn ano afiri nsase so na mede wɔn aba wɔn ankasa asase so. Mɛma wɔadidi wɔ Israel mmepɔ so, subɔnhwa ne asase no so atenaeɛ nyinaa.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na mɛyi wɔn afiri aman mu, na maboa wɔn ano afiri nsase so na mede wɔn aba wɔn asase so, na mayɛne wɔn, Israel mmepɔ so, nsubɔnhwa mu ne asase no so tenabea nyinaa;
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na mɛyi wɔn afiri aman mu, na maboa wɔn ano afiri nsase so na mede wɔn aba wɔn asase so, na mayɛne wɔn, Israel mmepɔ so, nsubɔnhwa mu ne asase no so tenabea nyinaa;
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na meyi wɔn afi aman mu, na maboa wɔn ano afi nsaase so na mede wɔn aba wɔn asase so, na mayɛn wɔn, Israel mmepɔw so, nsubon mu ne asase no so tenabea nyinaa;
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Mede wɔn befi amanaman so aba na maboaboa wɔn ano afi nsase so na mede wɔn aba wɔn ankasa asase so. Mɛma wɔadidi wɔ Israel mmepɔw so, subon ne asase no so atenae nyinaa.