Ezekiel 35:11 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
enti, sɛ mete ase yi, Otumfoɔ Awurade asɛm nie, me ne wo bɛdi no sɛdeɛ abufuo ne ninkunu a wodaa no adi wɔ ɔtan a wotanee wɔn no mu no teɛ, na mɛda me ho adi wɔ wɔn mu, ɛberɛ a mɛbu wo atɛn.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
enti, sɛ mete aseɛ yi, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie, mene wo bɛdi no sɛdeɛ w’abufuo ne wo ninkunu a wotane wɔn no nti wotweeɛ no teɛ, na mɛma wɔahu me wɔ wɔn mu, berɛ a mɛbu wɔn atɛn no.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
enti, sɛ mete aseɛ yi, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie, mene wo bɛdi no sɛdeɛ w’abufuo ne wo ninkunu a wotane wɔn no nti wotweeɛ no teɛ, na mɛma wɔahu me wɔ wɔn mu, berɛ a mɛbu wɔn atɛn no.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
enti, sɛ mete ase yi, AWURADE Nyankopɔn asɛm ni, me ne wo bedi no sɛ w’abufuw ne wo ninkunu a wo tan a wotan wɔn no nti wotwee no te, na mɛma wɔahu me wɔ wɔn mu, bere a mebu wo atɛn no;
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
enti sɛ mete ase yi, Otumfo Awurade asɛm ni, me ne wo bedi no sɛnea abufuw ne ninkunu a wodaa no adi wɔ ɔtan a wotan wɔn no mu no te, na mɛda me ho adi wɔ wɔn mu, bere a mebu wo atɛn.