Ezekiel 35:15 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Sɛdeɛ wodii ahurisie ɛberɛ a Israel efie agyapadeɛ daa mpan no, saa ɛkwan no na mede wo bɛfa so. Wobɛda mpan, Bepɔ Seir, wo ne Edom nyinaa. Afei wɔbɛhunu sɛ mene Awurade no.’ ”
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Sɛ w’ani gyee Israel fie agyapadeɛ ho sɛ ayɛ afo no, saa ara na mɛyɛ woɔ, afo ara na Seir bepɔ ne Edom mu nyinaa bɛyɛ, na wɔahunu sɛ mene AWURADE.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Sɛ w’ani gyee Israel fie agyapadeɛ ho sɛ ayɛ afo no, saa ara na mɛyɛ woɔ, afo ara na Seir bepɔ ne Edom mu nyinaa bɛyɛ, na wɔahunu sɛ mene AWURADE.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Sɛ w’ani gyee Israel fi agyapade ho sɛ ayɛ afo nti no, saa ara na mɛyɛ wo, afo ara na Seir bepɔw ne Edom mu nyinaa bɛyɛ, na wɔahu sɛ mene AWURADE.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Sɛnea wudii ahurusi bere a Israelfi agyapade daa mpan no, saa ɔkwan no na mede wo bɛfa so. Wobɛda mpan, Bepɔw Seir, wo ne Edom nyinaa. Afei wobehu sɛ mene Awurade no.’ ”