Ezekiel 36:17 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
“Onipa ba, ɛberɛ a Israelfoɔ te wɔn ankasa asase soɔ no, wɔde wɔn abrabɔ ne wɔn nneyɛɛ guu asase no ho fi. Na wɔn abrabɔ te sɛ ɔbaa bosome nsabuo wɔ mʼani so.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Onipa ba, Israel fie tenaa wɔn asase soɔ no, wɔde abrabɔ ne wɔn nneyɛɛ guu ho fi; na wɔn bra no te sɛ ɔbaa a wayɛ bra fi wɔ m’anim.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Onipa ba, Israel fie tenaa wɔn asase soɔ no, wɔde abrabɔ ne wɔn nneyɛɛ guu ho fi; na wɔn bra no te sɛ ɔbaa a wayɛ bra fi wɔ m’anim.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Onipa ba, Israel fi tenaa wɔn asase so no, wɔde wɔn abrabɔ ne wɔn nsɛnnii guu ho fi; wɔn bra no te sɛ ɔbea a wayɛ bra fi wɔ m’anim.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
“Onipa ba, bere a Israelfo te wɔn ankasa asase so no, wɔde wɔn abrabɔ ne wɔn nneyɛe guu asase no ho fi. Na wɔn abrabɔ te sɛ ɔbea ɔsram-sram afide wɔ mʼani so.