Ezekiel 36:22 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
“Ɛno enti, ka kyerɛ Israel efie sɛ, ‘Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: Israel efie, ɛnyɛ mo enti na merebɛyɛ saa nneɛma yi, na mmom me din kronkron no enti, deɛ moguu ho fi wɔ amanaman a mokɔɔ so mu no.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Ɛno nti ka kyerɛ Israel fie sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Israel fie, ɛnyɛ mo nti na mereyɛ, na mmom me din kronkron a moguu ho fi, amanaman a mokɔɔ hɔ no mu ntira.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Ɛno nti ka kyerɛ Israel fie sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Israel fie, ɛnyɛ mo nti na mereyɛ, na mmom me din kronkron a moguu ho fi, amanaman a mokɔɔ hɔ no mu ntira.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Ɛno nti ka kyerɛ Israel fi sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Israel fi, ɛnyɛ mo nti na mereyɛ, na mmom me din kronkron a muhuraa ho, amanaman a mokɔɔ hɔ no mu no nti.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
“Ɛno nti, ka kyerɛ Israelfi se, ‘Sɛɛ na Otumfo Awurade se: Israelfi, ɛnyɛ mo nti na merebɛyɛ saa nneɛma yi, na mmom me din kronkron no nti, nea muguu ho fi wɔ amanaman a mokɔɔ so mu no.