Ezekiel 36:33 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
“ ‘Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: Ɛda a mɛte mo ho afiri mo bɔne ho no, mɛma nnipa atena mo nkuro so bio na wɔbɛsisi mmubuiɛ no bio.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Da a mɛte mo ho afiri mo amumuyɛdeɛ nyinaa mu no, mɛma wɔatenatena nkuro no so, na wɔakyekyere amamfo no,
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Da a mɛte mo ho afiri mo amumuyɛdeɛ nyinaa mu no, mɛma wɔatenatena nkuro no so, na wɔakyekyere amamfo no,
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Da a mɛtew mo ho afi mo amumɔyɛde nyinaa mu no, mɛma nnipa asan atenatena nkurow no mu, na wɔakyekyere afoafo no,
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
“ ‘Sɛɛ na Otumfo Awurade se: Da a mɛtew mo ho afi mo bɔne ho no, mɛma nnipa atena mo nkurow so bio na wobesisi nnwiriwii no bio.