Ezekiel 37:16 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
“Onipa ba, fa dua na twerɛ ho sɛ, ‘Yei gyina hɔ ma Yudafoɔ ne Israelfoɔ a wɔka ne ho no.’ Afei fa dua foforɔ na twerɛ ho sɛ, ‘Efraim dua a ɛyɛ Yosef ne Israel efie a wɔka ne ho nyinaa dea.’
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na wo, onipa ba, fa dua baako na twerɛ so sɛ: Yuda ne Israelfoɔ a wɔka ne ho no deɛ; na fa dua baako nso, na twerɛ so sɛ: Yosef a ɔne Efraim, ne Israel fie a wɔka ne ho no nyinaa dua.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na wo, onipa ba, fa dua baako na twerɛ so sɛ: Yuda ne Israelfoɔ a wɔka ne ho no deɛ; na fa dua baako nso, na twerɛ so sɛ: Yosef a ɔne Efraim, ne Israel fie a wɔka ne ho no nyinaa dua.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na wo, onipa ba, fa dua biako fa, na kyerɛw so sɛ: Yuda ne Israelfo a wɔka ne ho no de; na fa dua biako nso, na kyerɛw so sɛ: Yosef a ɔne Efraim, ne Israel fi a wɔka ne ho no nyinaa dua.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
“Onipa ba, fa dua na kyerɛw ho se, ‘Yuda ne Israelfo a wɔka ne ho de.’ Afei fa dua foforo na kyerɛw ho se, ‘Efraim dua a ɛyɛ Yosef ne Israelfi a wɔka ne ho nyinaa de.’