Ezekiel 37:22 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Mɛyɛ wɔn ɔman baako wɔ asase no so wɔ Israel mmepɔ so. Ɔhene baako bɛdi wɔn nyinaa so na wɔrenyɛ aman mmienu bio, na wɔrenkyɛ mu nyɛ wɔn ahennie mmienu.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
na mayɛ wɔn ɔman koro, asase no so, Israel mmepɔ no so, na ɔhene baako adi wɔn nyinaa so hene, na wɔrenyɛ aman mmienu bio, na wɔrempae wɔn mu bio nyɛ ahennie mmienu bio,
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
na mayɛ wɔn ɔman koro, asase no so, Israel mmepɔ no so, na ɔhene baako adi wɔn nyinaa so hene, na wɔrenyɛ aman mmienu bio, na wɔrempae wɔn mu bio nyɛ ahennie mmienu bio,
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
na mede wɔn mayɛ ɔman koro, asase no so, Israel mmepɔw no so, na ɔhene biako adi wɔn nyinaa so hene, na wɔrenyɛ aman abien bio, na wɔrempae wɔn mu bio nyɛ ahenni abien bio,
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Mɛyɛ wɔn ɔman baako wɔ asase no so wɔ Israel mmepɔw so. Ɔhene baako bedi wɔn nyinaa so na wɔrenyɛ aman abien bio, na wɔrenkyɛ mu nyɛ wɔn ahenni abien.