Ezekiel 37:28 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Afei amanaman no bɛhunu sɛ me Awurade, me na meyɛ Israel kronkron, ɛberɛ a me kronkronbea si wɔn mu afebɔɔ.’ ”
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
na amanaman no ahunu sɛ mene AWURADE a mete Israel ho, berɛ a me kronkronbea si wɔn mu kɔsi daa no.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
na amanaman no ahunu sɛ mene AWURADE a mete Israel ho, berɛ a me kronkronbea si wɔn mu kɔsi daa no.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
na amanaman no ahu sɛ mene AWURADE a metew Israel ho, bere a me kronkronbea si wɔn mu kosi daa no.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Afei amanaman no behu sɛ me Awurade, me na meyɛ Israel kronkron, bere a me kronkronbea si wɔn mu afebɔɔ no.’ ”