Ezekiel 38:12 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Mɛfom na mawia na madane me nsa atia amanfo a nnipa abɛtena soɔ ne nnipa a wɔaboa wɔn ano afiri amanaman so, nnipa a ayɛmmoa ne adwadideɛ abu wɔn soɔ na wɔtete asase no mfimfini.”
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
sɛ worekɔfa asadeɛ na woafom adeɛ afa, na woadane wo nsa nifa atia amamfo a afei wɔtete mu ne ɔman a wɔaboaboa ano afiri amanaman mu na wɔdanedane wɔn ho nya mmoa ne nnoɔma na wɔte asase mfimfini no.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
sɛ worekɔfa asadeɛ na woafom adeɛ afa, na woadane wo nsa nifa atia amamfo a afei wɔtete mu ne ɔman a wɔaboaboa ano afiri amanaman mu na wɔdanedane wɔn ho nya mmoa ne nnoɔma na wɔte asase mfimfini no.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
sɛ worekɔfa asade na woafow afow ade, na woadan wo nsa ahyɛ amamfo a afei wɔtete mu, ne ɔman a wɔaboaboa wɔn ano afi amanaman mu na wɔanya mmoa ne nneɛma na wɔte asase mfinimfini no.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Mɛfom na mawia na madan me nsa atia amamfo a nnipa abɛtena so ne nnipa a wɔaboa wɔn ano afi amanaman so, nnipa a nyɛmmoa ne aguade abu wɔn so na wɔtete asase no mfimfini no.”