Ezekiel 38:22 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Mede ɔyaredɔm ne mogyahwiegu bɛbu no atɛn, mɛhwie osubrane, ampariboɔ, ogya ne sɔfe a ɛdɛre agu ɔno ne nʼasraafoɔ ne aman bebree a wɔka ne ho no so.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
na mede owuyadeɛ ne mogya ne no bɛdi, na mɛtɔ osuo a ɛhwie na ɛsram soɔ ne asukɔtweaa, ogya ne sɔfe agu ɔno ne n’asafotoɔ ne aman bebree a wɔkeka ne ho no so;
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
na mede owuyadeɛ ne mogya ne no bɛdi, na mɛtɔ osuo a ɛhwie na ɛsram soɔ ne asukɔtweaa, ogya ne sɔfe agu ɔno ne n’asafotoɔ ne aman bebree a wɔkeka ne ho no so;
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
na mede owuyare ne mogya ne wɔn bedi, na mɛtɔ osu a ehwie na ɛsram so ne amparuwbo, ogya ne sufre agu ɔno ne n’asafotow ne aman bebree a wɔkeka ne ho no so.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Mede ɔyaredɔm ne mogyahwiegu bebu no atɛn, mehwie osuhweam, mparuwbo, ogya ne sufre a ɛdɛw agu ɔno ne nʼasraafo ne aman bebree a wɔka ne ho no so.