Ezekiel 39:17 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
“Onipa ba, yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: Frɛ nnomaa ahodoɔ ne wiram mmoadoma nyinaa na ka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Mommoaboa mo ho ano mfiri mmeammea mmra afɔrebɔ a meresiesie ama mo no ase, afɔrebɔ kɛseɛ wɔ Israel mmepɔ so. Ɛhɔ na mobɛwe ɛnam na moanom mogya.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na wo, onipa ba, sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Ka kyerɛ nnomaa, ntakraboa nyinaa ne wiram mmoa nyinaa sɛ: Monhyia mmra, mommoa mo ano mfiri mmaa nyinaa mmra me kum afɔdeɛ a makum ama mo no ho, Israel mmepɔ so kum afɔdeɛ kɛseɛ, na mommɛdi nam na monnom mogya.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na wo, onipa ba, sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Ka kyerɛ nnomaa, ntakraboa nyinaa ne wiram mmoa nyinaa sɛ: Monhyia mmra, mommoa mo ano mfiri mmaa nyinaa mmra me kum afɔdeɛ a makum ama mo no ho, Israel mmepɔ so kum afɔdeɛ kɛseɛ, na mommɛdi nam na monnom mogya.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na wo, onipa ba, sɛ AWURADE Nyankopɔn se ni: Ka kyerɛ nnomaa, ntakraboa nyinaa, ne wuram mmoa nyinaa sɛ: Munhyia mmra, mommoa mo ho ano mfi mmaa nyinaa mmra me kum afɔre a makum mama mo no ho, Israel mmepɔw so kum afɔre kɛse, na mummedi nam na monnom mogya;
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
“Onipa ba, sɛɛ na Otumfo Awurade se: Frɛ nnomaa ahorow ne wuram mmoadoma nyinaa na ka kyerɛ wɔn se, ‘Mommoaboa mo ho ano mfi mmeaemmeae mmra afɔrebɔ a meresiesie ama mo no ase, afɔrebɔ kɛse wɔ Israel mmepɔw so. Hɔ na mubedi nam na moanom mogya.