Ezekiel 4:17 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
ɛfiri sɛ aduane ne nsuo ho bɛyɛ den. Wɔn ho bɛdwiri wɔn sɛ wɔhunu wɔn ho wɔn ho, na wɔn bɔne enti, wɔbɛfonfɔn.”
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
na paanoo ne nsuo ho ahia wɔn, na wɔn ho adwiri wɔn, onipa ne ne nua ho, na wɔatete wɔ wɔn amumuyɛ mu.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
na paanoo ne nsuo ho ahia wɔn, na wɔn ho adwiri wɔn, onipa ne ne nua ho, na wɔatete wɔ wɔn amumuyɛ mu.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
na brodo ne nsu ho ahia wɔn, na wɔn ho adwiriw wɔn, onipa ne ne nua, na wɔatetew, wɔn amumɔyɛ mu.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
efisɛ aduan ne nsu ho bɛyɛ na. Wɔn ho bedwiriw wɔn sɛ wohu wɔn ho wɔn ho, na wɔn bɔne nti wɔbɛfonfɔn.”