Ezekiel 4:9 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
“Fa atokoɔ ne ayuo, asɛ ne asɛdua, kɔkɔte ne aburoo; fa ne nyinaa gu adekora kuruwa mu na fa to burodo a wobɛdi. Yei na wobɛdi wɔ nnafua ahasa ne aduɔkron a woda wo fa so no.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na wo deɛ, fa ayuo ne atokoɔ ne asɛ ne asedua ne kɔkɔte ne aburoo hyɛ adeɛ baako mu fa, na fa yɛ w’aduane di nna dodoɔ a wode bɛda wo mfe soɔ no, ɛne nna ahasa aduɔkron;
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na wo deɛ, fa ayuo ne atokoɔ ne asɛ ne asedua ne kɔkɔte ne aburoo hyɛ adeɛ baako mu fa, na fa yɛ w’aduane di nna dodoɔ a wode bɛda wo mfe soɔ no, ɛne nna ahasa aduɔkron;
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na wo de, fa awi ne atoko ne asɛ ne asedua ne kɔkɔte ne aburow hyɛ ade biako mu fa, na fa yɛ w’aduan di nna dodow a wode bɛda wo mfe so no, ɛne nna ahasa aduakron;
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
“Fa atoko ne awi, asɛ ne asedua, kɔkɔte ne aburow; fa ne nyinaa gu adekora kuruwa mu na fa to brodo a wubedi. Eyi na wubedi wɔ nnafua ahaasa ne aduɔkron a woda wo fa so no.