Ezekiel 40:12 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Awɛmfoɔ adan no mu biara anim wɔ ɔfasuo tiawa a ne sorokɔ yɛ ɔnamɔn ne fa, na awɛmfoɔ adan no mu biara yɛ ahinanan a ɔfa biara susu anammɔn edu ne fa.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na mpia no anim hyekwan anammɔn baako ne fa wɔ ha ne ɛha, na pia baako yɛ basafa mmiɛnsa wɔ ha ne basafa mmiɛnsa wɔ ha.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na mpia no anim hyekwan anammɔn baako ne fa wɔ ha ne ɛha, na pia baako yɛ basafa mmiɛnsa wɔ ha ne basafa mmiɛnsa wɔ ha.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na mpia no anim hyekwan anammɔn biako ne fa wɔ ha ne ɛha, na pia biako yɛ basafa abiɛsa wɔ ha ne basafa abiɛsa wɔ ha.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Awɛmfo adan no mu biara anim wɔ ɔfasu tiaa a ne sorokɔ yɛ ɔnammɔn ne fa, na awɛmfo adan no mu biara yɛ ahinanan a ɔfa biara susuw anammɔn du ne fa.