Ezekiel 40:13 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Afei ɔsusuu ɛpono no firi awɛmfoɔ adan no mu baako ɔfasuo a ɛwɔ akyire no atifi kɔsii ɛdan a ɛne no di nhwɛanim no akyire ɔfasuo atifi; na ɛkwan a ɛda ntam yɛ anammɔn aduasa nson ne fa.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na ɔsusuu ɛpono kɛseɛ no firii pia baako atifi de kɔsii baako atifi, ne trɛ yɛ basafa dummienu ne fa, ɛpono ne ɛpono ntam.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na ɔsusuu ɛpono kɛseɛ no firii pia baako atifi de kɔsii baako atifi, ne trɛ yɛ basafa dummienu ne fa, ɛpono ne ɛpono ntam.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na osusuw ɔponkɛse no fii pia biako atifi de kosii biako atifi, ne trɛw basafa dumien ne fa, ɔpon ne ɔpon di nhwɛanim.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Afei osusuw ɔpon no fi awɛmfo adan no mu baako fasu a ɛwɔ akyi no atifi kosii ɔdan a ɛne no di nhwɛanim no akyi fasu no atifi; na ɔkwan a ɛda ntam yɛ anammɔn aduasa ason ne fa.