Ezekiel 40:19 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Afei ɔsusuu ɛkwan a ɛfiri nhyɛnmu ɛpono a ɛdi ɛkan no de kɔsii ɛpono a ɛwɔ Kronkronbea no anim wɔ atifi fam; na ɛyɛ anammɔn ɔha ne aduonum firi apueeɛ de kɔsi atifi fam.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na ɔsusuu akyire abannwa no, ne trɛ firi ɛpono kɛseɛ no anim de kɔsi emu fam abannwa no anim, basafa aduonum, apueeɛ fam ne atifi fam.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na ɔsusuu akyire abannwa no, ne trɛ firi ɛpono kɛseɛ no anim de kɔsi emu fam abannwa no anim, basafa aduonum, apueeɛ fam ne atifi fam.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na osusuw akyiri abangua no, ne trɛw fi ɔponkɛse no anim de kosi emu fam abangua no anim, basafa aduonum, apuei fam ne atifi fam.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Afei osusuw ɔkwan a efi ɔpon a ɛwɔ ase no anim kosii mfimfini adiwo no akyi; na ɛyɛ anammɔn ɔha ne aduonum wɔ apuei ne atifi fam.