Ezekiel 40:23 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Na ɛpono bi wɔ hɔ a ɛkɔ mfimfini adihɔ a ɛne atifi fam ɛpono no di nhwɛanim, sɛdeɛ na ɛteɛ wɔ apueeɛ fam no. Ɔsusu firii ɛpono baako ano kɔsii deɛ ɛne no di nhweanim no ano; na ɛyɛ anammɔn ɔha ne aduonum.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na emu fam abannwa no ponkɛseɛ si ɛpono kɛseɛ a ɛhwɛ atifi fam, ne deɛ ɛhwɛ apueeɛ fam no ntentensoɔ, na ɔsusu firii ɛpono kɛseɛ ano kɔsii ɛpono kɛseɛ ano, basafa aduonum.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na emu fam abannwa no ponkɛseɛ si ɛpono kɛseɛ a ɛhwɛ atifi fam, ne deɛ ɛhwɛ apueeɛ fam no ntentensoɔ, na ɔsusu firii ɛpono kɛseɛ ano kɔsii ɛpono kɛseɛ ano, basafa aduonum.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na emu fam abangua no ponkɛse si ɔponkɛse a ɛkyerɛ atifi fam ne nea ɛkyerɛ apuei fam no ntentenso, na osusuw fii ɔponkɛse ano kosii ɔponkɛse ano basafa aduonum.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Na ɔpon bi wɔ hɔ a ɛkɔ mfimfini adiwo a ɛne atifi fam pon no di nhwɛanim, sɛnea na ɛte wɔ apuei fam no. Osusuw fii ɔpon baako ano kosii nea ɛne no di nhwɛanim no ano; na ɛyɛ anammɔn ɔha ne aduonum.